Luke 22

Yesu ho pɔwbɔ

1Afei na Yudafo afahyɛ a wodi abodoo a mmɔkaw mfra mu a wɔfrɛ no Twam Afahyɛ no, abɛn. 2Saa bere no na asɔfo mpanyin ne mmara no akyerɛkyerɛfo no hwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu, akum no, nanso esiane nnipa a na wɔwɔ hɔ no nti, na wosuro.

3Satan kɔhyɛnee Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako no mu. 4Yuda kɔɔ asɔfo mpanyin ne Asɔredan no mu awɛmfo mpanyin nkyɛn ne wɔn kosusuw ɔkwan ko a ɔbɛfa so ayi Yesu ama wɔn no ho. 5Wɔn ani gyei, penee so sɛ wɔbɛma no sika. 6Efi saa bere no, Yuda hwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ama wɔakyere Yesu bere a, nnipa dodow biara nni ne ho.

Twam Afahyɛ ho ahosiesie

7Afei da a wokum twam guan de di abodoo a mmɔkaw nni mu no dui no, 8Yesu somaa Petro ne Yohane se, “Monkɔyɛ Twam Afahyɛ aduan a yebedi no.”

9Wobisaa no se, “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔyɛ aduan no?”

10Obuaa wɔn se, “Sɛ mudu kurow no mu a, mubehu obi a wakɔ asu reba. Munni nʼakyi nkɔ ofi a ɔbɛkɔ mu no mu 11na mummisa ofiwura no se, ‘Yɛn kyerɛkyerɛfo se ɛhe na woasiesie ama ɔne nʼasuafo no sɛ wommedi Twam Afahyɛ aduan no?’ 12Ɔde mo bɛkɔ abansoro asa kɛse bi a wɔasiesie mu fɛfɛɛfɛ so. Ɛhɔ na monkɔtow pon no.”

13Wɔkɔɔ kurow no mu no, wohui sɛnea Yesu kae no pɛpɛɛpɛ ma wɔyɛɛ twam aduan no wɔ hɔ.

Adidi a etwa to

14Bere no dui no, Yesu ne nʼasuafo no kɔtenatenaa adidipon no ho.

15Wɔtete hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mepɛe sɛ me ne mo bɛtena ase, ato nsa adi saa Twam aduan yi, ansa na mahu amane no, akyɛ. 16Mereka akyerɛ mo se, saa adidi yi akyi no, merenni Twam aduan yi bio kosi sɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛba.”

17Afei Yesu faa kuruwa, daa Onyankopɔn ase na ɔde maa nʼasuafo no kae se, “Munnye na obiara nnom bi. 18Mereka akyerɛ mo se, merennom bobesa yi bi bio kosi sɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛba.”

19Afei ɔfaa abodoo daa Onyankopɔn ase, bubuu mu de maa nʼasuafo no kae se, “Eyi ne me nipadua a mede rema mo. Munnye nni. Da biara a mubedi saa abodoo yi bi no, momfa nkae me.”

20Saa ara nso na adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa kae se, “Kuruwa yi ne me mogya a merehwie agu ama mo sɛ apam foforo a wɔnam so begye mo nkwa. 21Nanso mo a mo ne me te adidii ha yi mu baako na obeyi me ama. 22Etwa sɛ miwu sɛnea Onyankopɔn ahyehyɛ no, nanso nea obeyi me ama no de, onnue.”

23Asuafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho, pɛe sɛ wohu wɔn mu nea obeyi no ama no.

Yesu kasa tia ahomaso

24Asuafo no gyee wɔn ho akyinnye pɛe sɛ wohu wɔn mu nea ɔbɛyɛ kɛse wɔ Onyankopɔn Ahenni a ɛbɛba no mu.

25Yesu tee no, ɔkae se, “Wiase de, atumfo hyɛ wɔn a wodi wɔn so no so ma wɔn nso a wɔhyɛ wɔn so no nso bu wɔn sɛ wɔn adɛɛfo. 26Nanso mo de, nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo so panyin no nyɛ sɛ mo mu akumaa, na nea odi mo so no nso nyɛ mo mu somfo. 27Merebisa mo se, nnipa baanu yi mu hena na odi ne yɔnko so, nea ɔte adidipon ho anaa nea ɔsom nea ɔte adidipon no ho no? Nanso me de, mewɔ mo mu sɛ mo somfo. 28Me ne mo na afa ɔhaw ne amane mu a, moda so ne me nam. 29Mʼagya de ahenni no ama me. Saa ara nso na mede rema mo. 30Na mo ne me ato nsa adidi, na moatumi abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.”

Yesupa ho nkɔmkyɛ

31Afei Awurae kae se, “Simon, Simon! Monhwɛ yiye na ɔbonsam pɛ sɛ ɔsɔ mo hwɛ. 32Nanso wo Simon de, masrɛ ama wo sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛkɔ so agye me adi. Sɛ wunu wo ho san ba me nkyɛn a, hyɛ wo nuanom no gyidi mu den.”

33Petro buaa no se, “Awurade, ɛyɛ me pɛ sɛ me ne wo bɛda afiase na sɛ ɛyɛ owu mpo nso a, me ne wo bewu.”

34Yesu nso buaa no se, “Petro, mereka akyerɛ wo se, ɛnnɛ akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.”

35Afei Yesu bisaa nʼasuafo no se, “Bere a mesomaa mo a na munkita sikabɔtɔ anaa akwantubɔtɔ na monhyɛ mpaboa no, biribi ho hiaa mo anaa?” Asuafo no buaa no se, “Dabi, biribiara ho anhia yɛn.”

36Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Afei de, nea ɔwɔ sika no, ɔmfa; nea ɔwɔ akwantubɔtɔ no nso, ɔmfa. Nea onni nkrante no ntɔn ne ntama mfa nkɔtɔ bi. 37Na bere adu sɛ, nkɔm a wɔhyɛ faa me ho se, ‘Wɔbɛkan no afra nnebɔneyɛfo mu’ no bɛba mu. Ɛsɛ sɛ nkɔm biara a wɔahyɛ afa me ho no ba mu.”

38Asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, yɛwɔ nkrante abien wɔ ha.” Yesu buae se, “Eye, ɛno ara dɔɔso.”

Ngo Bepɔw so mpaebɔ

39Yesu ne nʼasuafo no fii kurow no mu kɔɔ Ngo Bepɔw no so sɛnea ɔtaa yɛ no, na nʼasuafo no ka ne ho. 40Woduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Mommɔ mpae na moankɔ sɔhwɛ mu.”

41Afei ɔtwee ne ho fii asuafo no ho kɔɔ nkyɛn baabi kɔkotowee, bɔɔ mpae se, 42“Agya, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ma saa amanehunu a ɛreba me so yi ntwa me ho nkɔ, nanso ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ na ɛnyɛ.” 43Ogu so rebɔ mpae no, ɔbɔfo fi soro bɛhyɛɛ no den.

44Esiane sɛ na Yesu ho yeraw no wɔ Honhom mu no nti, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den maa ne ho fifiri yɛɛ sɛ mogya atɔwatɔw sosɔw guu fam. 45Mpaebɔ no akyi no, ɔkɔɔ asuafo no nkyɛn kɔtoo wɔn sɛ awerɛhow ne ɔbrɛ nti, wɔadeda.

46Ɔkɔtoo wɔn sɛ wɔadeda no, ɔkae se, “Hwɛ! Moadeda? Monsɔre na mommɔ mpae na moankɔ sɔhwɛ mu.”

Wɔkyere Yesu

47Yesu gu so rekasa no, nnipadɔm bi a Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako di wɔn anim, baa no so. Yuda Iskariot twiw bɛn Yesu yɛɛ no atuu.

48Yesu bisaa no se, “Yuda, ɔdɔ nsɛnkyerɛnne yi so na wonam reyi me ama?”

49Bere a asuafo a wɔwɔ ne ho no huu nea ɛreba no, wobisaa no se, “Awurade, yentwitwa wɔn nkrante anaa?” 50Asuafo no mu baako twaa ɔsɔfo panyin no somfo no aso nifa.

51Yesu ampɛ nea osuani no yɛe no nti, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Munnyae nea mopɛ sɛ moyɛ no.” Ɔfaa ɔsomfo no aso no de taree hɔ bio. 52Yesu bisaa asɔfo mpanyin ne asɔredan sohwɛfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo no asomfo a wɔbaa ne so no se, “Meyɛ odwotwafo na mode nkrante ne nkontimmaa aba me so? 53Bere a na me ne mo wɔ asɔredan mu no, moankyere me; afei na mo bere aso a ɔbonsam nam ne tumi so reyɛ adwuma ampa.”

Petro pa Yesu

54Afei wɔkyeree Yesu de no kɔɔ ɔsɔfo panyin fi. Bere a wɔde no rekɔ no, Petro gyee ne ho kaa akyiri. 55Petro duu ɔsɔfo panyin no fi hɔ no, na asraafo no asɔ ogya wɔ adiwo hɔ a wɔreto; ɔno nso kɔtoo bi.

56Abeawa bi huu Petro sɛ ɔreto ogya no bi no, ɔhwɛɛ no dinn kae se, “Saa ɔbarima yi yɛ Yesu akyidifo no mu baako.”

57Petro sanee se, “Awuraa, minnim saa ɔbarima yi baabiara.”

58Ankyɛ koraa na obi foforo nso huu no kae se, “Woyɛ nʼakyidifo no mu baako.” Petro bua see no se, “Dabi, menka wɔn ho.”

59Ɛbɛyɛ dɔnhwerew akyi no, obi foforo nso san huu no ka sii so dua se, “Akyinnye biara nni ho sɛ saa damfo yi ka Yesu asuafo no ho, efisɛ, ɔno nso yɛ Galileani na ne kasa koraa da no adi.”

60Petro sanee ne mprɛnsa so se, “Owura, asɛm a woreka yi nyɛ nokware.” Nʼano ansi koraa na akokɔ bɔnee.

61Saa bere no ara mu na Yesu twaa nʼani hwɛɛ Petro anim. Ɛhɔ ara na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɛnnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa” no. 62Petro de awerɛhow fii adi kosui.

Yesu ho fɛwdi

63Mmarima a na wɔrewɛn Yesu no dii ne ho fɛw, kyekyeree nʼani, bobɔɔ no, 64san bisaa no se, “Odiyifo, hena na ɔbɔɔ wo? Kyerɛ yɛn.” 65Wɔkɔɔ so yeyaw no kaa abususɛm ahorow guu ne so.

Yesu gyina baguafo anim

66Ade kyee no, Yudafo mpanyin ne mmara no akyerɛkyerɛfo no hyiae ma wɔde Yesu baa wɔn anim 67bisaa no se, “Sɛ wone Kristo no a, ka kyerɛ yɛn.” Yesu buaa wɔn se, “Sɛ meka se mene Kristo no a, morennye nni, 68na sɛ mibisa mo nso a, moremmua me. 69Na efi saa bere yi mubehu Onipa Ba no sɛ ɔte Onyame Tumfo no nifa so.”

70Ɔkaa saa no, wɔn nyinaa bisaa no bio se, “Ɛnne na wone Onyankopɔn Ba no anaa?” Obuaa wɔn se, “Nea moreka no yɛ nokware.”

71Eyi ma wɔkae se, “Adanse bɛn na ehia yɛn bio? Yɛate afi ɔno ankasa anom.”

Copyright information for TwiNAK